Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Mmebusɛm 14
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Mmebusɛm Nwoma No Mu Nsɛntitire

    • SOLOMON MMEBUSƐM (10:1–24:34)

Mmebusɛm 14:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 24:3; 31:26

Mmebusɛm 14:2

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “deɛ n’akwan akyea.”

Mmebusɛm 14:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 6:16, 19; 19:5

Mmebusɛm 14:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 18:15

Mmebusɛm 14:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 13:20

Mmebusɛm 14:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “wɔde wɔn nkwaseasɛm daadaa afoforɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 14:12

Mmebusɛm 14:9

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “asomdwoeɛ a wɔbɛma aba wɔne nkurɔfoɔ ntam.”

  • *

    Anaa “wɔn mu na anisɔ wɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 10:23; 30:20

Mmebusɛm 14:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ne kra awerɛhoɔ.”

Mmebusɛm 14:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 21:12

Mmebusɛm 14:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 30:12
  • +Mme 16:25

Mmebusɛm 14:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 1:32
  • +Ga 6:7, 8

Mmebusɛm 14:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Onipa a ne nimdeɛ sua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ne 6:2, 3; Mme 27:12

Mmebusɛm 14:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “suro ne ho.”

  • *

    Anaa “ne bo fu.”

Mmebusɛm 14:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 12:16; 16:32

Mmebusɛm 14:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “Nnipa a wɔn nimdeɛ sua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 4:7-9

Mmebusɛm 14:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 19:7
  • +Mme 19:4

Mmebusɛm 14:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 41:1; Mme 19:17; Yes 58:7, 8

Mmebusɛm 14:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 42:10; Dw 25:10

Mmebusɛm 14:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 28:19

Mmebusɛm 14:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 27:22

Mmebusɛm 14:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “akra.”

Mmebusɛm 14:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 34:9; Ro 8:31
  • +Mme 18:10; Yer 15:11

Mmebusɛm 14:28

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 4:21

Mmebusɛm 14:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 17:27; Yak 1:19
  • +Mme 25:28; 29:11; Ɔsɛ 7:9

Mmebusɛm 14:30

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “apɔmuden.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 37:3, 4; 1Sa 18:8, 9

Mmebusɛm 14:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 24:14, 15; Dw 12:5
  • +Mt 19:21

Mmebusɛm 14:32

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “dwankɔbea.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 2:7; 10:9

Mmebusɛm 14:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mme 15:28

Mmebusɛm 14:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:6

Mmebusɛm 14:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Sa 15:32-34; Mme 22:29
  • +1Ah 2:44, 46

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Mmeb. 14:1Mme 24:3; 31:26
Mmeb. 14:5Mme 6:16, 19; 19:5
Mmeb. 14:6Mme 18:15
Mmeb. 14:7Mme 13:20
Mmeb. 14:8Mme 14:12
Mmeb. 14:9Mme 10:23; 30:20
Mmeb. 14:11Mme 21:12
Mmeb. 14:12Mme 30:12
Mmeb. 14:12Mme 16:25
Mmeb. 14:14Mme 1:32
Mmeb. 14:14Ga 6:7, 8
Mmeb. 14:15Ne 6:2, 3; Mme 27:12
Mmeb. 14:17Mme 12:16; 16:32
Mmeb. 14:18Mme 4:7-9
Mmeb. 14:20Mme 19:7
Mmeb. 14:20Mme 19:4
Mmeb. 14:21Dw 41:1; Mme 19:17; Yes 58:7, 8
Mmeb. 14:22Hio 42:10; Dw 25:10
Mmeb. 14:23Mme 28:19
Mmeb. 14:24Mme 27:22
Mmeb. 14:26Dw 34:9; Ro 8:31
Mmeb. 14:26Mme 18:10; Yer 15:11
Mmeb. 14:281Ah 4:21
Mmeb. 14:29Mme 17:27; Yak 1:19
Mmeb. 14:29Mme 25:28; 29:11; Ɔsɛ 7:9
Mmeb. 14:30Ge 37:3, 4; 1Sa 18:8, 9
Mmeb. 14:31De 24:14, 15; Dw 12:5
Mmeb. 14:31Mt 19:21
Mmeb. 14:32Mme 2:7; 10:9
Mmeb. 14:33Mme 15:28
Mmeb. 14:34De 4:6
Mmeb. 14:352Sa 15:32-34; Mme 22:29
Mmeb. 14:351Ah 2:44, 46
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Mmebusɛm 14:1-35

Mmebusɛm

14 Ɔbaa nyansafoɔ si ne fie,+

Na ɔbaa kwasea deɛ, ɔde ne nsa dwiri ne deɛ gu.

 2 Deɛ ɔnante tenenee mu no suro Yehowa,

Na deɛ n’akwan yɛ nnaadaa* no deɛ, ɔbu No animtia.

 3 Ahantan abaa wɔ kwasea anom,

Na anyansafoɔ ano deɛ, ɛbɛbɔ wɔn ho ban.

 4 Sɛ anantwie nni hɔ a, mmoa adididaka mu te,

Nanso nantwinini ahoɔden ma nnɔbaeɛ dɔɔso.

 5 Ɔdansefoɔ nokwafoɔ renni atorɔ,

Na ɔdansekurumufoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo daa.+

 6 Fɛdifoɔ hwehwɛ nyansa, nanso ɔnnya,

Na onipa a ɔwɔ nteaseɛ deɛ, ɔmmrɛ na wanya nimdeɛ.+

 7 Twe wo ho firi kwasea ho,

Na worennya nimdeɛ wɔ n’anom.+

 8 Nyansa ma onitefoɔ hunu baabi a ɔrekɔ,

Na nkwaseafoɔ deɛ, wɔn ankasa nkwaseasɛm na ɛdaadaa wɔn.*+

 9 Nkwaseafoɔ de afɔdie* yɛ aseresɛm,+

Na ateneneefoɔ deɛ, wɔpɛ sɛ wɔsiesie wɔne nkurɔfoɔ ntam.*

10 Akoma na ɛnim n’awerɛhoɔ,*

Na n’anigyeɛ nso, abɔntensoni biara rentumi nnya bi.

11 Wɔbɛsɛe abɔnefoɔ fie,+

Na ateneneefoɔ ntomadan deɛ, ɛbɛyɛ frɔmfrɔm.

12 Ɛkwan bi wɔ hɔ a, ɛtene wɔ onipa ani so,+

Nanso ɛkɔwie owuo mu.+

13 Sereɛ mu mpo, akoma tumi di yea,

Na ahurisie tumi kɔwie awerɛhoɔ mu.

14 Deɛ wamane wɔ n’akomam no, ɔbɛtwa so aba,+

Na onipa pa deɛ, ɔbɛnya ne nneyɛɛ so akatua.+

15 Ogyimifoɔ* gye asɛm biara di,

Na onyansafoɔ deɛ, anammɔn biara a ɔbɛtuo no, ɔhwɛ no yie.+

16 Onyansafoɔ hwɛ ne ho yie,* na ɔtwe ne ho firi bɔne ho,

Na kwasea deɛ, biribiara mfa ne ho,* na ɔgye ne ho di dodo.

17 Deɛ ne bo fu ntɛm no, ɔdi nkwaseasɛm,+

Na onipa a ɔdwene nneɛma ho yie no, wɔtan no.

18 Deɛ agyimifoɔ* bɛnya ne nkwaseasɛm,

Na anyansafoɔ deɛ, wɔde nimdeɛ bɔ wɔn abotire.+

19 Abɔnefoɔ bɛkoto apapafoɔ anim,

Na amumuyɛfoɔ akoto ateneneefoɔ apono ano.

20 Ohiani ayɔnkofoɔ mpo tan no,+

Na sikani deɛ, ne nnamfo dɔɔso.+

21 Deɛ ɔmfa ne yɔnko nyɛ hwee no, wayɛ bɔne,

Na deɛ ne yam hyehye no ma mmɔborɔwa no, n’ani gye.+

22 Wɔn a wɔdwene adwemmɔne no, wɔremfom kwan anaa?

Wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ papa no deɛ, ɔdɔ a ɛnni hwammɔ ne nokorɛ wɔ hɔ ma wɔn.+

23 Adwumaden biara so wɔ mfasoɔ,

Na kasa kɛkɛ deɛ, ohia na ɛde ba.+

24 Anyansafoɔ ahenkyɛ ne wɔn ahonyadeɛ;

Na nkwaseafoɔ agyimisɛm deɛ, ɛyɛ nkwaseasɛm nko ara.+

25 Ɔdansefoɔ nokwafoɔ gye nkwa,*

Na ɔdaadaafoɔ deɛ, ɔtwa nkontompo daa.

26 Deɛ ɔsuro Yehowa no ahotɔsoɔ yɛ kɛse,+

Na ɛbɛyɛ dwankɔbea ama ne mma.+

27 Yehowa suro yɛ nkwa asutire,

Ɛdane onipa firi owuo mfidie ho.

28 Nnipa dodoɔ yɛ ɔhene animuonyam,+

Na ɔhene a ɔnni ɔmanfoɔ deɛ, n’ahweaseɛ ara ne no.

29 Deɛ ne bo mfu ntɛm no, ɔwɔ nhunumu pii,+

Na deɛ ɔpere ne ho deɛ, ɔma obiara hunu ne nkwaseasɛm.+

30 Akoma a ɛdwoɔ ma nipadua nya nkwa,*

Na ahoɔyaa deɛ, ɛma nnompe porɔ.+

31 Deɛ ɔsisi mmɔborɔwa no, ɔdidi ne Bɔfo atɛm,+

Na obiara a ne yam hyehye no ma ohiani no deɛ, ɔhyɛ No animuonyam.+

32 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɛ na ɛbɛma no ahwe ase,

Na ɔteneneeni deɛ, n’abrabɔ a ɛdi mu nti ɔbɛnya ahobammɔ.*+

33 Onipa a ɔwɔ nteaseɛ no, nyansa te n’akomam dinn,+

Na nkwaseafoɔ deɛ, wɔbɔ no dawuro.

34 Tenenee ma ɔman nya animuonyam,+

Na bɔne deɛ, ɛgu ɔman anim ase.

35 Akoa a ɔwɔ nhunumu ma ɔhene ani gye,+

Na deɛ ɔyɛ aniwudeɛ deɛ, ɔhene bo fu no.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane