16 Ɛnna Sadrak, Mesak, ne Abednego buaa ɔhene sɛ: “O Nebukadnesar, ɛnhia sɛ yɛma wo mmuaeɛ biara wɔ asɛm yi ho. 17 Sɛ ɛba no saa a, yɛn Nyankopɔn a yɛsom no no bɛtumi agye yɛn afiri fononoo a egya redɛre buruburuburu wɔ mu no mu, na ɔbɛtumi agye yɛn afiri wo nsam, O ɔhene.+