11 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na wɔde ama mo sɛ monte Onyankopɔn Ahennie ho ahintasɛm kronkron+ no ase, na wɔn a aka no deɛ, wɔde mfatoho na ɛka biribiara kyerɛ wɔn.+ 12 Enti wɔbɛhwɛ deɛ, nanso wɔrenhunu, wɔbɛte deɛ, nanso wɔrente aseɛ; na wɔrensakra da mma wɔmfa nkyɛ wɔn.”+