-
Ɔsɛnkafoɔ 2:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Deɛ ɛto kwasea no, ɛno ara bi na ɛbɛto me.”+ Ɛnneɛ mfasoɔ bɛn na ɛwɔ so sɛ mebɛyɛɛ onyansafoɔ pii saa? Enti mekaa no m’akomam sɛ: “Wei nso yɛ ahuhudeɛ.” 16 Onyansafoɔ ne kwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa. Ɛrenni da bi, wɔrenkae obiara bio.+ Na ɛkwan bɛn na onyansafoɔ bɛfa so awuo? Ɔbɛwu te sɛ kwasea ara pɛ.+
-