11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutuutu kɔnom nsã a ano yɛ den,+
Wɔn a wɔtena nsã ho ma adeɛ sa tumm kɔsi sɛ wɔbɛboro sram!
12 Wɔwɔ sankuo ne sankuten,
Mpintin, atɛntɛbɛn, ne nsã wɔ wɔn apontoɔ ase;
Nanso Yehowa nneyɛɛ deɛ, wɔnnwene ho,
Na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.