9 Aberanteɛ, ma w’ani nnye wɔ wo mmeranteberɛm, na ma w’akoma ani nnye wɔ wo mmabunberɛ mu. Akwan a w’akoma de wo bɛfa so biara, di akyire na kɔ baabi a w’ani bɛkyerɛ wo. Nanso hunu sɛ weinom nyinaa ho na nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu wo atɛn.*+
36 Mereka akyerɛ mo sɛ, asɛm biara a mfasoɔ nni so a nnipa ka no, wɔbɛbu ho akonta+ Atemmu Da no. 37 Ɛfiri sɛ mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo bem, na mo nsɛm so na wɔnam bɛbu mo fɔ.”
31 Ɛfiri sɛ wayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ, ɔnam ɔbarima bi a wayi no so bɛbu asaase atɛn+ wɔ tenenee mu. Na wanyane saa ɔbarima no afiri awufoɔ mu de asi so dua akyerɛ nnipa nyinaa.”+