-
Yeremia 33:25, 26Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
25 “Deɛ Yehowa aka nie: ‘Sɛdeɛ m’apam a ɛfa adekyeeɛ ne adesaeɛ ho rentwam,+ na me mmara* a ɛfa ɔsoro ne asaase ho nso rentwam no,+ 26 saa ara na merempo Yakob ne m’akoa Dawid asefoɔ* da. Na sɛdeɛ ɛteɛ biara, mɛfa n’asefoɔ* ama wɔadi Abraham ne Isak ne Yakob asefoɔ* so. Ɛfiri sɛ mɛboaboa wɔn nkurɔfoɔ a wɔakye wɔn kɔ no ano,+ na mɛhu wɔn mmɔbɔ.’”+
-