3 Na Yehowa suro bɛyɛ no anigye.+
Ɛnyɛ deɛ n’ani hunu na ɔbɛgyina so abu atɛn,
Na ɛnyɛ deɛ n’aso te kɛkɛ na ɔbɛgyina so anya obi kasakyerɛ.+
4 Ɔbɛbu atɛn turodoo ama ahiafoɔ,
Na ɔde tenenee ayi ntɛn ama asaase so ahobrɛasefoɔ.
Ɔde n’anom abaa bɛbɔ asaase no,+
Na ɔde n’anom home akum abɔnefoɔ.+