24 Onyankopɔn a ɔyɛɛ wiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa no, ɔno ne ɔsoro ne asaase Wura.+ Enti ɔnte asɔredan a nnipa de wɔn nsa asi mu.+ 25 Ɔnhia nso sɛ nnipa de wɔn nsa som no, ɛfiri sɛ biribiara nhia no.+ Deɛ enti a ɛte saa ne sɛ, ɔno na ɔma nnipa nyinaa nkwa ne ahome+ ne nneɛma nyinaa.