-
Yeremia 10:14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn adeɛ te sɛ deɛ wɔnni adwene ne nimdeɛ.
-
-
Romafoɔ 1:21-23Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Ɛwom sɛ wɔnim Onyankopɔn deɛ, nanso wɔanhyɛ no animuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase nso. Mmom, wɔdwene adehunu ho, na wɔn akoma a ɛnnim nyansa no duruu sum.+ 22 Ɛwom, na wɔka sɛ wɔnim nyansa, nanso wɔbɛyɛɛ nkwaseafoɔ, 23 na Onyankopɔn a ɔmporɔ no, wɔmaa n’animuonyam bɛyɛɛ sɛ onipa a ɔporɔ honi, ne nnomaa ne mmoa a wɔn nan yɛ nnan ne awɔ ne nkoterɛ* a wɔporɔ nso ahoni.+
-