Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Berɛsosɛm 36:22, 23
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Persia hene Kores+ afe a ɛdi kan mu no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia+ so kaeɛ no bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* maa no bɔɔ dawuro wɔ n’ahennie nyinaa mu, na ɔsan twerɛɛ+ sɛ: 23 “Sɛdeɛ Persia hene Kores seɛ nie, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahennie nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ mensi fie mma no wɔ Yerusalem a ɛwɔ Yuda.+ Obiara a ɔka mo ho a ɔsom no no, ne Nyankopɔn Yehowa nni n’akyi. Ma no mforo nkɔ.’”+

  • Esra 6:3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 3 “Ɔhene Kores afe a ɛdi kan mu no, Ɔhene Kores hyɛɛ mmara wɔ Onyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem+ no ho sɛ: ‘Wɔnsan nsi efie no mma no nyɛ baabi a wɔbɔ afɔreɛ. Ne tenten nyɛ basafa 60* na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ basafa 60; wɔnto ne fapem no yie.+

  • Yesaia 45:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 “Mama ɔbarima bi so wɔ tenenee mu,+

      Na mɛtene n’akwan nyinaa.

      Ɔno na ɔbɛkyekyere me kuro,+

      Na ɔbɛgyaa me nkurɔfoɔ a wɔtuu wɔn firii wɔn man mu no.+ Ɔrennye akatua anaa adanmudeɛ* biara,”+ asafo Yehowa asɛm nie.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane