8 Yehowa asɛm baa Yeremia nkyɛn. Ɛbaa berɛ a Ɔhene Sedekia ne Yerusalemfoɔ nyinaa yɛɛ apam sɛ wɔmma obiara mfa ne ho nni,+ 9 na obiara mma ne nkoa a wɔyɛ Hebrifoɔ, mmarima ne mmaa nyinaa, mfa wɔn ho nni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara remfa ne nua Yudani nyɛ n’akoa bio.