-
Yesaia 34:5, 6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 “Me sekan ano bɛfɔ wɔ ɔsoro.+
Ɛbɛsiane aba Edom so abɛbu no atɛn,+
Ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn sɛ mɛsɛe wɔn no so.
6 Yehowa wɔ sekan bi; mogya bɛyɛ ho nyinaa.
Sradeɛ bɛyɛ ho nyinaa,+
Adwennini nkumaa mogya ne mpɔnkye mogya bɛyɛ ho nyinaa,
Adwennini asaabo ho sradeɛ bɛyɛ ho nyinaa.
Yehowa wɔ afɔreɛ bi bɔ wɔ Bosra;
Ɔwɔ okunkɛseɛ wɔ Edom asaase so.+
-