Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Yeremia 49:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Deɛ asafo Yehowa aka afa Edom ho nie:

      “Nyansa biara nni Teman bio anaa?+

      Afotu pa ayera afiri wɔn a wɔwɔ nteaseɛ no nkyɛn anaa?

      Wɔn nyansa adane adehunu* anaa?

  • Kwadwom 4:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 O Sion babaa, wo bɔne ho asotwe aba awieeɛ.

      Ɔrentu w’ase nkɔ obi man so bio.+

      Na wo Edom babaa deɛ, ɔde n’ani bɛsi wo bɔne so.

      Ɔbɛma wo bɔne ada adi.+

  • Hesekiel 25:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 “Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: ‘Edom tuaa Yuda fie so ka, na wɔnam so yɛɛ bɔne kɛseɛ tiaa wɔn;+

  • Obadia 10-13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Awudisɛm a wode dii wo nua Yakob nti,+

      W’anim bɛgu ase,+

      Na wɔbɛsɛe wo afebɔɔ.+

      11 Da a wotwee wo ho gyinaa nkyɛn,

      Na ahɔhoɔ kyee n’asraafoɔ kɔeɛ,+

      Na ananafoɔ wuraa ne kuro pono mu bɔɔ Yerusalem so ntonto no,+

      Wokɔgyinaa wɔn afã.*

      12 Wo nua amanehunu da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ w’ani gye;+

      Yudafoɔ sɛe da nyɛ da a anka ɛsɛ sɛ wodi ahurisie;+

      Na wɔn ahohia da nso, ɛnsɛ sɛ anka wohoahoa wo ho.

      13 Me man amanehunu da no, ɛnsɛ sɛ anka wowura wɔn kurom.*+

      N’ahohia da no, anka ɛnsɛ sɛ w’ani gye;

      Na ɛnsɛ sɛ anka wotene wo nsa ka n’agyapadeɛ n’amanehunu da.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane