-
2 Ahemfo 22:18, 19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no, 19 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase+ wɔ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahoyera ne nnome ama wɔn, na wosuan w’ataadeɛ mu+ suu m’anim nti, me nso matie wo, Yehowa asɛm nie.
-