-
Hesekiel 9:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda bɔne so papaapa.+ Mogyahwieguo ahyɛ asaase no so ma,+ na porɔeɛ ahyɛ kuro no ma.+ Deɛ wɔka ne sɛ, ‘Yehowa agya asaase no hɔ, na Yehowa nhunu deɛ ɛrekɔ so.’+ 10 Enti me nso merenhu obiara mmɔbɔ na me yam renhyehye me mma wɔn.+ Mɛma wɔn nneyɛɛ ho nsunsuansoɔ aba wɔn tiri so.”
-