9 Ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman atuatefoɔ,+ mma a wɔnni nokorɛ,+
Mma a wɔmpɛ sɛ wɔtie Yehowa mmara.+
10 Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ, ‘Monnhunu adeɛ,’
Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ sɛ, ‘Monnka anisoadehunu a ɛyɛ nokorɛ nnkyerɛ yɛn.+
Monka adɔkɔdɔkɔsɛm nkyerɛ yɛn; monnya anisoadehunu a ɛyɛ nnaadaa.+