15 Wɔn agyanom Nyankopɔn Yehowa somaa ne nkoa kɔkasa kyerɛɛ wɔn mprɛ pii, ɛfiri sɛ na ne man ne n’asɔrefie* no yɛ no mmɔbɔ. 16 Nanso wɔkɔɔ so goroo nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho+ buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo baa ne man so,+ kɔsii sɛ wɔannya ayaresa bio.
29 Ɛyɛ a wobɔ wɔn kɔkɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsan aba wo Mmara ho, nanso wɔdi ahantansɛm na wɔntie w’ahyɛdeɛ;+ na w’atemmusɛm nso, wɔbu so yɛ bɔne; ɛno nso na sɛ obi di so a, ɔnam so nya nkwa.+ Wɔantie, na mmom wɔyɛɛ asoɔden sensenee wɔn kɔn.