4 Deɛ Yehowa aka nie,
‘Yuda bɔne a ɛtɔ so mmiɛnsa+ ne deɛ ɛtɔ so nnan nti, deɛ maka no, merentwe nsan,
Ɛfiri sɛ wɔpoo Yehowa mmara,
Na wɔanni n’ahyɛdeɛ so.+
Mmom, atorɔ a wɔn agyanom dii akyire no, ɛno ara na wɔadi akyire afom kwan.+
5 Enti mede egya bɛto Yuda,
Na ɛbɛhye Yerusalem aban a ɛyɛ den no.’+