-
2 Ahemfo 18:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Na Asiria hene somaa Tartan,* Rabsaris,* ne Rabsake* firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem.+ Wɔforo kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔeɛ no, baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no, ɛhɔ na wɔkɔgyinaa wɔ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so.+ 18 Berɛ a wɔfrɛɛ ɔhene no sɛ ɔmpue mmra no, Hilkia ba Eliakim+ a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye na wɔbɛhyiaa wɔn.
-