-
2 Ahemfo 18:26, 27Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
26 Ɛnna Hilkia ba Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no so no nnte.”+ 27 Nanso Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mogye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasuo no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wɔbɛdi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwonsɔ te sɛ mo ara.”
-