-
2 Ahemfo 19:1-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Berɛ a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* kɔɔ Yehowa fie hɔ.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,+ na na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyerɛ ne animka* ne animguaseɛ da; ɛfiri sɛ yɛayɛ sɛ ɔbaa a awoɔ aka no* nanso ɔnni ahoɔden a ɔde bɛwo.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akonta. Ɛno nti, bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”
-