-
2 Ahemfo 19:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mma nsɛm a woteeɛ no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+ 7 Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ ɔno ara n’asaase so; na mɛma wɔde sekan aku no wɔ ɔno ara n’asaase so.”’”+
-