21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfoɔ bi kɔɔ Asiria hene asoɛeɛ hɔ, na ɔkunkum akatakyie,+ mpanimfoɔ, ne asahene no nyinaa, na Asiria hene de animguaseɛ san kɔɔ n’asaase so. Akyire yi, ɔkɔɔ ne nyame fie,* na ɔno ara ne mma de sekan kum no.+
37 Enti Asiria hene Senaherib firii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+38 Na berɛ a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fie* kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat+ asaase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.