-
Esra 4:1, 2Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Berɛ a Yuda ne Benyamin atamfo+ tee sɛ wɔn a wɔkɔdii obi man so a wɔasan aba no+ resi asɔrefie ama Yehowa, Israel Nyankopɔn no, 2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel ne agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no, ɛfiri sɛ yɛsom mo Nyankopɔn*+ te sɛ mo ara, na ɛfiri Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha no+ berɛ so na yɛabɔ afɔreɛ ama no.”
-