-
2 Ahemfo 19:14-19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Ɛnna Hesekia gyee nwoma no firii nkurɔfoɔ a wɔsomaa wɔn no nsam kenkaneeɛ, na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ wɔ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,*+ wo nko ara ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ asaase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 16 O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’ani na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia. 17 O Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18 Afei nso, wɔato wɔn anyame agu gya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ; ɛno nti na wɔtumi sɛee wɔn no. 19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+
-