30 Sɛ w’akoa ne wo man Israel de wɔn ani kyerɛ ha bɔ mpaeɛ a, tie yɛn nkotosrɛ; sɛ ɛduru w’asom wɔ wo tenabea a ɛwɔ soro no a, tie yɛn.+ Tie, na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn.+
9 ‘Sɛ mmusuo, sekan, atemmuo bɔne, nsanyareɛ a ɛdi awuo, anaa ɛkɔm ba yɛn so a, ma yɛnnyina efie yi anim ne w’anim (ɛfiri sɛ wo din da efie yi so),+ na yɛnsu mfrɛ wo yɛn ahohia mu, na tie yɛn na gye yɛn.’+
3 Enti medanee m’ani hwɛɛ Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn no, na mebɔɔ mpaeɛ de m’adesrɛ too n’anim. Na meyɛɛ akɔnkyene*+ firaa awerɛhoɔ ntoma,* na metenaa nsõ mu.