25 Wontee anaa? Ɛfiri tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.+
Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+
Afei mɛma no aba mu.+
Wobɛma nkuro a wɔabɔ ho ban adane amamfo.+
26 Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;
Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.
Wɔbɛyɛ sɛ asaase so wura ne serɛ mono,+
Wɔbɛyɛ sɛ ɛdan so serɛ a apueeɛ mframa ama no ahye.