-
2 Ahemfo 19:35-37Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
35 Anadwo no ara, Yehowa bɔfoɔ pue kɔɔ Asiriafoɔ asoɛeɛ hɔ kɔkunkum mmarima 185,000.+ Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 36 Enti Asiria hene Senaherib firii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 37 Na berɛ a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fie* kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat asaase so.+ Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.
-