-
2 Ahemfo 20:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 Saa nna no mu no, Hesekia yare maa anka ɔreyɛ awu.+ Na Amus ba odiyifoɔ Yesaia bae, na ɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Yɛ ntotoeɛ wɔ wo fie, ɛfiri sɛ wobɛwu; wo ho rentɔ wo.’”+ 2 Ɛnna ɔde n’ani kyerɛɛ dan, na ɔfirii aseɛ bɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: 3 “O Yehowa, mesrɛ wo, kae sɛdeɛ mede nokorɛdie ne akoma mũ anante w’anim, na mayɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani so.”+ Na Hesekia firii aseɛ suu pii.
-