-
2 Ahemfo 20:4-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Berɛ a Yesaia nnya nnuruu ahemfie adihɔ hɔ no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ:+ 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifoɔ Hesekia sɛ, ‘Deɛ Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka nie: “Mate wo mpaebɔ no. Mahunu wo nisuo,+ na mɛsa wo yareɛ.+ Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fie.+ 6 Mede mfeɛ 15 bɛka wo nkwa nna* ho, na mɛgye wo ne kuro yi afiri Asiria hene nsam,+ na mɛbɔ kuro yi ho ban, me din ne m’akoa Dawid nti.”’”+
-