-
Daniel 9:11, 12Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 Israelfoɔ nyinaa abu wo Mmara so; wɔamane, na wɔantie w’asɛm. Ɛno nti, nnome ne ntam a wɔatwerɛ wɔ nokorɛ Nyankopɔn no akoa Mose Mmara mu no, wode aba yɛn so,+ ɛfiri sɛ yɛayɛ wo bɔne. 12 Deɛ wokaa sɛ wode bɛyɛ yɛne yɛn mpanimfoɔ a wɔdii yɛn so* no,+ woayɛ, ɛfiri sɛ wode mmusuo kɛseɛ aba yɛn so. Deɛ ɛsii Yerusalem no, ebi nsii wiase baabiara da.+
-