-
Marko 1:2-4Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ odiyifoɔ Yesaia nwoma mu no: “(Hwɛ! meresoma me somafoɔ adi w’anim, na ɔno na ɔbɛsiesie kwan mu.)*+ 3 Obi reteam wɔ serɛ so sɛ: ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.’”+ 4 Ná Osuboni Yohane wɔ serɛ so reka kyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn.+
-
-
Luka 3:3-6Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Enti ɔkɔɔ nkuro a atwa Yordan ho ahyia nyinaa mu kɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ sɛ, wɔmmɔ asu mfa nkyerɛ sɛ wɔasakra wɔn adwene wɔ wɔn bɔne ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn,+ 4 sɛdeɛ wɔatwerɛ no odiyifoɔ Yesaia nwoma mu sɛ: “Obi reteam wɔ serɛ so sɛ, ‘Monsiesie Yehowa* kwan! Momma akwan a ɛda n’anim no nyɛ tee.+ 5 Momma abɔn nyinaa nyɛ ma, na monnwiri mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa ngu fam; akwan a akyea no, momma ɛnyɛ tee, na momma akwan a ɛyɛ mmonkyimmɔnka nyɛ toromtorom; 6 na ɔhonam nyinaa* bɛhunu Onyankopɔn nkwagyeɛ.’”*+
-