11 Nanso Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mene hwan a merekɔ Farao anim sɛ merekɔyi Israelfoɔ afiri Egypt?” 12 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ na deɛ ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo nie: Sɛ wonya de ɔman no firi Egypt ba a, mobɛsom nokorɛ Nyankopɔn no wɔ bepɔ yi so.”+
9 Afei Awurade ka kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehunu mu anadwo sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, 10 ɛfiri sɛ meka wo ho,+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kuro yi mu.”