13 O Yuda, sɛdeɛ wo nkuro dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛdeɛ Yerusalem mmorɔno dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔrebukyia bebree ama aniwudeɛ* no, afɔrebukyia a mobɔ afɔreɛ* wɔ so ma Baal no.’+
24 ‘Woyɛɛ kokoɔ na woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ mmɔnten so baabiara. 25 Woyɛɛ wo sorɔnsorɔmmea wɔ kwankyɛn baabiara a nnipa bɛhu, na wode wo ho* maa obiara a ɔretwam+ de guu w’ahoɔfɛ ho fĩ, na womaa w’adwamammɔ dɔɔso.+