Yeremia
11 Asɛm a ɛfiri Yehowa hɔ baa Yeremia nkyɛn nie: 2 “Ɔmanfoɔ, montie apam yi mu nsɛm!
“Ka* nsɛm yi kyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ 3 na ma wɔnte sɛ, ‘Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Nnome nka obiara a ɔntie apam yi mu nsɛm.+ 4 Saa nsɛm no na meka kyerɛɛ mo agyanom ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so+ na meyii wɔn firii fononoo a wɔde nane dadeɛ mu no.+ Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Montie me nne na monyɛ deɛ mahyɛ mo nyinaa, na mobɛyɛ me man na me nso mayɛ mo Nyankopɔn,+ 5 na mɛdi ntam a mekaa mo agyanom no so, ntam a mekaa sɛ, mede asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so no bɛma wɔn no;+ na saa ara na ɛteɛ nnɛ da yi.’”’”
Na megyee so sɛ: “Amen,* O Yehowa.”
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Bɔ nsɛm yi nyinaa dawuro wɔ Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmɔnten so sɛ: ‘Montie apam yi mu nsɛm na monni so. 7 Mekasa kyerɛɛ mo agyanom dendeenden, ɛda a meyii wɔn firii Egypt asaase so baeɛ no, na ɛde bɛsi nnɛ nso matu wɔn fo mprɛ pii* sɛ: “Montie me nne.”+ 8 Nanso wɔantie, na wɔanyɛ aso; mmom obiara yɛɛ asoɔden dii n’akoma bɔne akyi.+ Ɛno nti, apam yi mu nsɛm a meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni so a wɔanni so no, mede ne nyinaa baa wɔn so.’”
9 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: “Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ abɔ me ho pɔ. 10 Wɔasan wɔn akyi akɔyɛ bɔne a wɔn agyanom a wɔtenaa ase tete no yɛeɛ no bi, wɔn agyanom a wɔanni m’asɛm so no.+ Wɔn nso akɔdi anyame foforɔ akyi, na wɔasom wɔn.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no so.+ 11 Enti deɛ Yehowa aka nie, ‘Hwɛ, mede mmusuo bi reba wɔn so+ a wɔrentumi nnwane. Na sɛ wɔsu frɛ me a, merentie wɔn.+ 12 Na Yuda nkuro ne Yerusalemfoɔ bɛkɔ anyame a wɔbɔ afɔreɛ* ma wɔn no hɔ sɛ wɔmmoa wɔn,+ nanso wɔrentumi nnye wɔn da wɔ wɔn amanehunu berɛ no mu. 13 O Yuda, sɛdeɛ wo nkuro dɔɔso no, saa ara na w’anyame adɔɔso, na sɛdeɛ Yerusalem mmorɔno dɔɔso no, saa ara na moasisi afɔrebukyia bebree ama aniwudeɛ* no, afɔrebukyia a mobɔ afɔreɛ* wɔ so ma Baal no.’+
14 “Na wo* deɛ, mmɔ mpaeɛ mma ɔman yi. Nsu mfrɛ me mma wɔn, mmɔ mpaeɛ mma wɔn,+ ɛfiri sɛ, sɛ wɔsu frɛ me wɔ wɔn amanehunu berɛ no mu a, merentie.
15 Deɛn na me dɔfo repɛ wɔ me fie
Berɛ a nnipa pii adi bɔne yi?
Sɛ amanehunu ba wo so a, wɔbɛtumi de nam kronkron* ayi afiri hɔ anaa?
Saa berɛ no, wobɛdi ahurisie anaa?
16 Berɛ bi, Yehowa frɛɛ wo ngodua frɔmfrɔm,
Ngodua fɛfɛɛfɛ a ɛso aba pa.
Ɔde nnyegyeeɛ kɛseɛ bi atwa gya ato ne mu,
Na wɔabubu ne nkorabata.
17 “Asafo Yehowa, Deɛ ɔduaa wo+ no aka sɛ, mmusuo bi bɛba wo so ɛsiane bɔne a Israel fie ne Yuda fie yɛeɛ nti. Wɔn na wɔbɔɔ afɔreɛ maa Baal de hyɛɛ me abufuo.”+
18 Yehowa kyerɛɛ me maa mehunui;
Saa berɛ no, womaa mehunuu deɛ na wɔreyɛ.
19 Me deɛ, na mete sɛ odwan ba a ɔdwo a wɔrekɔkum no;
Ná mennim sɛ wɔrebɔ me ho pɔ sɛ:+
“Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,
Na yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asaase so,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae ne din bio.”
Ma menhunu sɛdeɛ wobɛtua wɔn ka,
Ɛfiri sɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.
21 Ɛno nti, wei na Yehowa aka atia Anatot mmarima+ a wɔpɛ sɛ wɔyi wo nkwa* firi hɔ na wɔka sɛ: “Nhyɛ nkɔm Yehowa din mu,+ anyɛ saa a wobɛwu wɔ yɛn nsam” no; 22 enti deɛ asafo Yehowa aka nie: “Hwɛ, merebɛma wɔabu wɔn bɔne ho akonta. Sekan na wɔde bɛkunkum mmeranteɛ no,+ na wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa nso, ɛkɔm na ɛbɛkunkum wɔn.+ 23 Nkaefoɔ biara mpo renka mma wɔn, ɛfiri sɛ mede mmusuo bɛba Anatot mmarima so,+ afe a wɔbɛbu akonta no.”