Exodus 4:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 Enti wo deɛ kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na mɛkyerɛ wo deɛ wobɛka.”+ Exodus 4:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ. Hesekiel 33:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Na wo, onipa ba, mede wo ayɛ Israel fie wɛmfoɔ, enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me.+
15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ.