-
2 Ahemfo 3:24, 25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Berɛ a wɔbaa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ no, ɛhɔ ara na Israelfoɔ no sɔre to hyɛɛ Moabfoɔ no so firii aseɛ kunkum wɔn, na wɔdwane firii wɔn anim.+ Wɔkɔɔ Moabfoɔ asaase so, na wɔrekɔ nyinaa na wɔrekunkum Moabfoɔ no. 25 Wɔsɛee nkuro no, na asaase pa biara a ɛda hɔ no, wɔn mu biara soaa aboɔ guu so de hyɛɛ so ma; wɔsisii nsuo aniwa nyinaa,+ na wɔtwitwaa nnua pa nyinaa gui.+ Kir-Hareset+ aboɔ afasuo no nko ara na ɛkaeɛ, na wɔn a wɔto ataaboɔ* kɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ sɛee no.
-
-
Yesaia 16:7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Wɔn a wɔn ho yera wɔn no bɛdi abooboo, Kir-Hareset+ bobe keeki nti.
-