4 Hesbon ne Eleale+ team;
Wɔte wɔn nne wɔ Yahas+ tɔnn.
Ɛno nti na Moab asraafoɔ teateam.
Ne ho rewoso biribiribiri.
5 Moab nti, m’akoma resu.
N’adwanefoɔ akɔ ara akɔduru Soar+ ne Eglat-Selisiya.+
Wɔreforo Luhit kokoɔ nyinaa, na wɔresu;
Wɔnam kwan so rekɔ Horonaim nyinaa, na wɔresu teateam wɔ ɔsɛeɛ no ho.+
6 Nimrim nsuo nyinaa awe koraa;
Serɛ mono no adwan,
Serɛ no awu, na wura mono biara nni hɔ bio.