2 “Hwɛ, mayɛ wo ketewa wɔ amanaman no mu;
Wɔmfa wo nyɛ hwee.+
3 W’akomam ahantan adaadaa wo,+
Wo a wote abotan so;
Wode mmepɔ atenten ayɛ wo fie, na woka no w’akomam sɛ,
‘Hwan na ɔbɛtwe me aba asaase so’?
4 Sɛ wokɔtena ɔsorosoro te sɛ ɔkɔdeɛ,
Anaa woyɛ wo pirebuo wɔ nsoromma ntam mpo a,
Mɛtwe wo afiri hɔ aba fam,” Yehowa asɛm nie.