35 Deɛ ɔte Sion no ka sɛ, ‘Ayayadeɛ a wɔde yɛɛ me no, ebi mmra Babilon so!’+
Na Yerusalem nso ka sɛ, ‘Me mogya mmra Kaldeafoɔ so!’”
36 Enti deɛ Yehowa aka nie:
“Hwɛ, mɛdi w’asɛm ama wo,+
Na mɛtua no ka ama wo.+
Mɛma ɛpo a ɛda ne hɔ no awe, na mama ne mmura awewe.+