Yeremia 23:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 “Nnwanhwɛfoɔ a wɔsɛe nnwan a wɔdidi wɔ m’adidibea, na wɔbɔ wɔn hwete no nnue!” Yehowa asɛm nie.+ Yeremia 50:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Me man adane nnwan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfoɔ ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔ so; wɔfiri bepɔ so a, na wɔkɔ kokoɔ so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea. Hesekiel 34:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti wɔhweteeɛ, ɛfiri sɛ na odwanhwɛfoɔ biara nni hɔ;+ wɔbɔ hweteeɛ, na wɔdanee aduane maa wuram mmoa.
6 Me man adane nnwan a wɔayera.+ Wɔn ankasa ahwɛfoɔ ama wɔafom kwan.+ Wɔde wɔn nenam mmepɔ so; wɔfiri bepɔ so a, na wɔkɔ kokoɔ so. Wɔn werɛ afi wɔn homebea.
5 Enti wɔhweteeɛ, ɛfiri sɛ na odwanhwɛfoɔ biara nni hɔ;+ wɔbɔ hweteeɛ, na wɔdanee aduane maa wuram mmoa.