-
Yesaia 40:22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Ɔno na ɔretwe ɔsoro mu te sɛ ntoma nahanaha,
Na ɔtrɛ mu te sɛ ntomadan a wɔtena mu.+
-
-
Yeremia 10:12-16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase,
Na ɔde ne nyansa maa asaase tim hɔ;+
Ɔno na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.+
14 Nnipa nyinaa yɛ wɔn adeɛ te sɛ deɛ wɔnni adwene ne nimdeɛ.
15 Wɔyɛ adehunu,* biribi a nkurɔfoɔ hwɛ sere.+
Sɛ wɔn akontabuo da ba a, wɔbɛsɛe.
16 Yakob Kyɛfa deɛ, ɔnte sɛ weinom,
Ɛfiri sɛ Ɔno na ɔyɛɛ nneɛma nyinaa,
Na Israel yɛ n’agyapadeɛ poma.+
Asafo Yehowa ne ne din.+
-