24 Hwan na ɔmaa kwan maa wɔfom Yakob nneɛma,
Na ɔde Israel hyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔfom nneɛma no nsa?
Ɛnyɛ Yehowa, Deɛ yɛayɛ no bɔne no?
Wɔamfa n’akwan so,
Na wɔantie Ne mmara.+
25 Enti ɔkɔɔ so hwiee abufuhyeɛ,
N’abufuo, ne ɛko a ano yɛ den guu ne so.+
Na ɛhyee biribiara a atwa ne ho ahyia, nanso wanhunu;+
Ɛhyee no, nanso wamfa ansie n’akomam.+