16 Monka ho asɛm, aane, monka ho asɛm nkyerɛ amanaman;
Mommɔ no dawuro nkyerɛ Yerusalem.”
“Atɛfoɔ firi akyirikyiri asaase bi so reba,
Na wɔbɛma wɔn nne so atia Yuda nkuro.
17 Wɔfiri afã ne afã nyinaa ba ne so te sɛ awɛmfoɔ a wɔwɛn afuo,+
Ɛfiri sɛ wate me so atua,”+ Yehowa asɛm nie.