-
Hesekiel 3:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
3 Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, we* deɛ wohunu yi. We nwoma mmobɔeɛ yi na kɔkasa kyerɛ Israel fie.”+
2 Enti mebuee m’anom, na ɔmaa mewee nwoma mmobɔeɛ no. 3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi, we na ɛnhyɛ wo yafunu ma.” Enti meweeɛ, na ɛyɛɛ m’anom dɛdɛɛdɛ te sɛ ɛwoɔ.+
-
-
Adiyisɛm 10:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma mmobɔeɛ ketewa no mma me. Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Gye na di,+ na ɛbɛyɛ nwono wɔ wo yam, nanso w’anom deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.” 10 Ɛnna megyee nwoma mmobɔeɛ ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsam, na mediiɛ,+ na ɛyɛɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ wɔ m’anom;+ nanso medi wieeɛ no, ɛyɛɛ nwono wɔ me yam.
-