19 Me deɛ, na mete sɛ odwan ba a ɔdwo a wɔrekɔkum no;
Ná mennim sɛ wɔrebɔ me ho pɔ sɛ:+
“Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba,
Na yɛntwa no mfiri ateasefoɔ asaase so,
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae ne din bio.”
20 Nanso asafo Yehowa bu atɛn wɔ tenenee mu;
Ɔhwehwɛ onipa tirim adwene ne n’akoma mu.+
Ma menhunu sɛdeɛ wobɛtua wɔn ka,
Ɛfiri sɛ wo na mede m’asɛm abɛdan wo.