20 Akyire yi, Asiria hene Tilgat-Pilneser+ baeɛ, nanso wammɛhyɛ no den, na mmom ɔbɛteetee no.+ 21 Ná Ahas apra Yehowa fie ne ahemfie+ ne ɔman mpanimfoɔ no afie mu nneɛma nyinaa de akyɛ Asiria hene, nanso ankɔsi hwee. 22 Berɛ a Ɔhene Ahas refa ateetee mu no, afei koraa na na ɔreyɛ Yehowa bɔne.