Genesis 16:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Akyire yi, Yehowa bɔfoɔ huu no wɔ abura bi ho wɔ serɛ so wɔ Sur+ kwan so. Genesis 16:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna ɔbɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din frɛɛ no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ ampa.”+ Na ɔkaa sɛ: “Enti m’ani paa na mede ahunu deɛ ɔhu me no?” Mmebusɛm 15:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Yehowa ani wɔ baabiara;Ɛhwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ nyinaa.+ Amos 9:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a,Mede me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;Na sɛ wɔforo kɔ soro a,Mɛtwe wɔn afiri hɔ aba fam. Hebrifoɔ 4:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.
13 Ɛnna ɔbɔɔ Yehowa a ɔne no kasae no din frɛɛ no kaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn a wohunu adeɛ ampa.”+ Na ɔkaa sɛ: “Enti m’ani paa na mede ahunu deɛ ɔhu me no?”
2 Sɛ wɔtutu fam kɔhyɛ Adamena* mu mpo a,Mede me nsa bɛyi wɔn afiri hɔ aba;Na sɛ wɔforo kɔ soro a,Mɛtwe wɔn afiri hɔ aba fam.
13 Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ahinta wɔ n’anim,+ na nneɛma nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue pefee wɔ deɛ ɛsɛ sɛ yɛbu akonta kyerɛ no+ no anim.