-
Hesekiel 34:11-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
11 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan na mayɛn wɔn.+ 12 Odwanhwɛfoɔ hu ne nnwan a wɔahwete a, ɔma wɔn aduane, na saa ara na me nso mɛhwɛ me nnwan.+ Mununkum ne esum kabii da no, baabi a wɔhwetee wɔn kɔeɛ nyinaa, mɛyi wɔn afiri hɔ.+ 13 Mɛyi wɔn afiri amanaman mu na maboaboa wɔn ano afiri nsaase so de wɔn aba wɔn asaase so. Na mɛma wɔn aduane wɔ Israel mmepɔ so,+ nsutene ho, ne asaase no so tenabea nyinaa.
-